Psalms 35

Mmoa mpaebɔ

1Tia wɔn a wotia me,
Awurade, na ko tia wɔn a wɔko tia me!
2Fa wo kyɛm ne wo nkatabo begye me.
3Ma wo peaw ne wʼabonnua so tia wɔn a wɔtaa me.
Ka kyerɛ me se wubegye me.
4Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, di wɔn so na gu wɔn anim ase!
Na wɔn a wɔyɛ adwene tia me no ma wɔnsan wɔn akyi na wɔn adwene nyɛ basaa.
5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bere a Awurade taa wɔn no!
6Ma wɔn akwan nnuru sum na emu nyɛ toro bere a Awurade bɔfo bɔ wɔn hwe fam no!
7Wosum me firi kwa na wotuu amoa tenten sɛ mentɔ mu.
8Nanso ansa na wobehu no na ɔsɛe akyere wɔn dedaw.
Wɔn ara wɔn firi beyi wɔn na ɛde wɔn akɔ sɛe mu.
9Na Awurade nti, mʼani begye; menya ahotɔ efisɛ, wagye me nkwa.
10Mifi me koma nyinaa mu bɛka akyerɛ Awurade se, “Obi nte sɛ wo.
Wobɔ ahoɔmmerɛwfo ho ban fi ahoɔdenfo ho, ɛnna wobɔ mmɔborɔfo nso ho ban fi asisifo ho.”
11Nnebɔneyɛfo di adanse tia me na wɔde bɔne a minnim ho hwee to me so.
12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka nam so ma mepa abaw.
13Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa ayiasetam na mannidi nso; misii me ti ase bɔɔ mpae
14sɛnea mɛbɔ mpae ama adamfo anaa onua bi.
Mekɔɔ so twaa agyaadwo sɛ obi a ɔresu ne na.
15Nanso ɔhaw too me no, wɔn nyinaa ani gyei, boaa wɔn ho ano, dii me ho fɛw.
Amamfrafo hwee me, na wɔkɔɔ so hwee me ara.
16Wɔhwɛɛ me ɔtan so te sɛ nnipa a wodi obubuafo ho fɛw.
17Awurade, wobɛkɔ so ahwɛ wɔn saa ara akosi da bɛn?
Gye me fi wɔn nsam.
Gye me nkwa fi saa agyata yi nsam.
18Na mɛda wo ase wɔ wo manfo anim.
Mɛkamfo wo wɔ wɔn nyinaa anim.
19Mma mʼatamfo, saa atorofo no, nni me nkogu no ho ahurusi.
Mma wɔn a wɔtan me kwa nni mʼawerɛhow ho ahurusi.
20Wɔnkasa sɛ nnamfo; na mmom wɔfa akwan horow so twa asomdwoepɛfo ho atoro.
21Wɔteɛm ka to me so se, “Yehuu nea woyɛe no!”
22Nanso wo,
O Awurade, woahu eyi.
Enti nyɛ komm, Awurade; ntew wo ho nkɔ akyiri!
23Keka wo ho,
O Awurade, na bɔ me ho ban.
Sɔre, me Nyankopɔn, na ka ma me.
24Woyɛ ɔtreneeni;
O Awurade, enti bu me bem.
Mma mʼatamfo nni ahurusi wɔ mʼamanehunu ho.
25Mma wonnsise wɔn ho se, “Yɛapam no afi yɛn ho, na saa na na yɛrehwehwɛ!”
26Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ mʼamanehunu ho no nni nkogu koraa, na wɔn adwene nyɛ basabasa; ma aniwu ne animguase nka wɔn a wɔka se woye sen me no.
27Ma wɔn a wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔagyaa me no nteɛteɛm ahosɛpɛw so se, “Awurade so!
Nʼani sɔ ne somfo nkonimdi.”
28Na mɛpae mu maka wo treneeyɛ na mɛkamfo wo daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK